![MP3 DOWNLOAD: Minister OJ - Efiri Se Mehyiaa Wo Yi MP3 DOWNLOAD: Minister OJ - Efiri Se Mehyiaa Wo Yi [+ Lyrics] | CeeNaija](https://i0.wp.com/naijamotion.com.ng/wp-content/uploads/2023/11/MP3-DOWNLOAD-Minister-OJ-Efiri-Se-Mehyiaa-Wo-Yi.jpg?resize=400%2C225&ssl=1)
Download Efiri Se Mehyiaa Wo Yi Mp3 by Minister OJ
A soul-lifting performance performed by the African Christian/Gospel worshipper, minister, and song writer “Minister OJ“, as this one is titled “Efiri Se Mehyiaa Wo Yi”. This is sure to bless your heart and uplift your spirit.
Download Audio Mp3, Stream, Share, and be blessed
DOWNLOAD MORE MINISTER OJ SONGS HERE
Lyrics: Efiri Se Mehyiaa Wo Yi by Minister OJ
Oh, oh-oh, oh-oh-ooh
Oh, oh-oh, oh-oh-oh
Efirisɛ mehyiaa Wo yi, Woasesa m’abrabɔ o
Me ne anyame bi anante
Nanso Wo deɛ, Woda mu soronko
Nipa a enim me bɛdi adanseɛ
Sɛ nsakraeɛ bi aba m’abrabɔ mu o
Wo dɔ yi ama me so de me asi baabi a ɛkrɔn
Me paa me nie? Me na Woadɔ me sei?
Ɔdɔ mu ɔdɔ paa nie, ɔdɔ mu ɔdɔ paa nie
M’Agyenkwa bɛn me
Ɛno nti ɛdɛw bi ahyɛ m’akoma mu ma
Efirisɛ mehyiaa Wo yi, mennuu me ho o
Efirisɛ mehyiaa Wo yi, mapaw me ho akyi o
Mabɔ me ho atenaseɛ
Me ne ɔbonam too nkwanta a yɛapae
Efirsɛ mehyiaa Wo yi, dɛw bi ahyɛ m’akoma mu a
Wo dɔ yi ama me so de me asi baabi a ɛkrɔn
Me paa me nie? Me na Woadɔ me sei?
Ɔdɔ mu ɔdɔ paa nie, ɔdɔ mu ɔdɔ paa nie
M’Agyenkwa bɛn me
Ɛno nti ɛdɛw bi ahyɛ m’akoma mu ma
Efirisɛ mehyiaa Wo yi, mennuu me ho o, oh, oh
Mete baabi
Anka mete baabi, mete baabi a nka meresɛe me mmerɛ
Ɛnnɛ da yi, mehyɛ bɔ sɛ mɛdɔ Wo na masom Wo yie
Anka mete baabi, mete baabi a nka meresɛe me mmerɛ
Efirisɛ mehyiaa Wo yi, mennuu me ho o, oh, oh
Mete baabi
Anka mete baabi, mete baabi a nka meresɛe me mmerɛ
Ɛnnɛ da yi, mehyɛ bɔ sɛ mɛdɔ Wo na masom Wo yie
Mete baabi, mete baabi a nka meresɛe me mmerɛ
Efirisɛ mehyiaa Wo yi, mennuu me ho o, oh-oh
Efirisɛ mehyiaa Wo yi, mennuu me ho o, oh, oh
Efirisɛ mehyiaa Wo yi, efirisɛ mehyiaa Wo yi
Leave a Reply